Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 48:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa mo kɔn ho ntin yɛ dade na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ minim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ ɔdaban, na wo moma yɛ kɔbere;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 48:4
27 Iomraidhean Croise  

Nanso wɔantie, na wɔsensenee wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn annie no kɔn.


Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo ho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ.


Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu.


Mommma mo abɛn so nnkɔ soro, monnto bamkɔn nnkasa.


Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, mma a wɔmfa wɔn akoma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokorɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene;


Kɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so; na me deɛ merenni wo mu nkɔ, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asene, na mammene wo ɔkwan no mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Moyɛ ɔman a mo kɔn asene; sɛ medi mo mu kakraa bi ne mo kɔ a, anka mɛhye mo. Na afei monyi mo ho ahokekadeɛ, na menhunu deɛ mɛyɛ mo.


Na Farao soma maa wɔkɔhwɛe, na hwɛ, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo nwui. Nanso Farao akoma yɛɛ den ara, na wamma ɔman no ankɔ.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


Na wɔyɛ atuateɛ man, mma atorofoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie AWURADE mmara.


Montie me, asobrakyefoɔ a mo ne tenenee ntam twe.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a maka agu kuro yi soɔ no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.


Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo.


O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom.


Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.


Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho;


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.


Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!


Na mmom montutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ “ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara akoma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan