Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 47:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Sian kɔ, tena mfutuma mu, Ɔbabea Babilonia; tena fam na mfa ahengua, Babiloniafo hemmea kuropɔn. Wɔremfrɛ wo bio se, nsiforo anaa nea ne ho yɛ na.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Siane kɔ, tena mfuturo mu, Ɔbabaa bunu Babilonia; tena fam. Worentena ahennwa so bio, Ɔbabaa Babiloniafoɔ. Wɔremfrɛ wo bio sɛ, ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Sian, na tena mfutuma mu, Ɔbaabun Babel babea, Tena fam, ahengua bi nni hɔ, Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 47:1
36 Iomraidhean Croise  

Na wɔne no tenatenaa fam nnanson adekyeeɛ ne adesaeɛ, na obiara ne no ankasa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ n’amanehunu no so pa ara.


Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.


Babel babaa a wɔayɛ wo pasaa, nhyira ne deɛ ɔtua wo ka, sɛdeɛ wode yɛɛ yɛn no.


Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ, na wobrɛ ahantanfoɔ ase.


Woama n’animuonyam apa, na woato n’adwa atwene fam.


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:


Enti mɛma ɔsoro awoso, na asase ahinhim afiri ne sibea, asafo AWURADE abufuferɛ no ano ne n’abufuhyeɛ da no nti.


Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho.


Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.


Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.


Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kuro a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama no aduru fam, wama no aka fam mfuturo;


na n’apono bɛdi abooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam.


yei ne asɛm a AWURADE aka ne ho: Ɔbaabunu Sion babaa no bu w’animtia si wo atwetweɛ; w’akyiri na Yerusalem babaa rewoso ne tire.


Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu! O Yerusalem a wɔafa wo dommum; Sion babaa a wɔafa wo dommum, sanesane wo kɔn mu nkyehoma!


Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo animuonyam abotire afiri mo atifi atɔ.


O ɔbaabunu, Misraim babaa, foro kɔ Gilead kɔgye aduro; kwa ara kwa na woma nnuro dɔɔso, ayaresa biara nni hɔ mma wo.


Siane firi w’animuonyam mu, na tena sukɔm asase so, O wo a wote Dibon! Na Moab sɛefoɔ atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.


Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase ho nie:


Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ; wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ; wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo, na wɔtete apɔnkɔ so asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ, atu wo, Babel babaa, so sa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ merehwanyan ɔsɛefoɔ honhom atia Babel ne wɔn a wɔtete nnipa a wɔne me anya no mu,


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Babel babaa te sɛ ayuporebea, berɛ a wɔtiatia soɔ no. Aka kakraa bi na twaberɛ aduru ama no.


Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, ɛfiri sɛ ananafoɔ aba AWURADE fie akronkronneɛ no.


Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase.


Mmɔfra ne nkɔkoraa deda fam mmorɔno so; me mmabaa ne me mmeranteɛ atotɔ afena ano. Woasɛe wɔn w’abufuo da no so, woakum na woanni adɔna.


Wɔn a wɔdii adɔkɔdɔkɔdeɛ no ayɛ pasaa mmorɔno so; wɔn a wɔyɛne wɔn ɔtankɔkɔɔ soɔ no yɛ sumina atuu.


Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.


W’ahoɔfɛ nti w’akoma ahuhuru, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, mato wo atwene fam, mede wo ato ahemfo anim sɛ wɔnhwɛ wo.


Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu,


na mɛbutu ahennie nhennwa, na masɛe amanaman ahennie ahoɔden, na mɛbutu nteaseɛnam ne wɔn a ɛtete mu, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ sotenafoɔ ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afena ano.


Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no.


Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no, momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa. Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan