Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 41:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Hena na wayɛ eyi akosi awiei, afrɛ awo ntoatoaso afi mfiase? Me Awurade, meka adikanfo ne akyikafo ho, Mene ɔno ara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Hwan na wayɛ yei akɔsi awieeɛ, afrɛ awoɔ ntoatoasoɔ afiri mfitiaseɛ? Me Awurade, mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Mene ɔno ara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Hena na ɔyɛe, na ɔma ɛbae, na ɔfrɛ awo ntoatoaso fi mfiase? Me AWURADE na midi kan, na akyikafo mu nso mene ɔno ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 41:4
26 Iomraidhean Croise  

Na wone wo ara, na wo mfeɛ rensa da.


Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefoɔ atim w’anim.


Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo, na ɔto ɔsoro saama, na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo, na ɔkari mmepɔ nsania mu ne nkokoɔ nsania nkoraa mu?


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


na nnipa ahunu, ate aseɛ, de asie akoma mu na wɔadwene ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ yei, na Israel Kronkronni no na ɔbɔeɛ.


Hwan na ɔfiri mfitiaseɛ kaeɛ, na anka yɛnhunu, anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafoɔ? Ampa, deɛ ɔkaeɛ nni hɔ, deɛ ɔmaa wɔteeɛ nni hɔ, deɛ ɔtee mo nsɛm nni hɔ.


ɔti wɔn na ɔtwam sɔnn, ɔkwan a ne nan nsii so da so.


Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa, na ɔde Israel maa afomfafoɔ? Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no, na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?


Mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, ne m’akoa a mayi no no, sɛ monhunu na monnye me nni, na monhunu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwonoo onyame bi m’anim, na m’akyiri nso obiara remma.


Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No, na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam; mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?


Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ woɔ, mene ɔno ara, mene odikanfoɔ, na me ara nso ne okyidifoɔ.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Awurade a ɔma wɔhunuu yeinom nyinaa firi wiase asefire no na ɔka.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no.


Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ:


Mene Alfa ne Omega, ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan