Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 41:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no a tenenee hyia no baabiara a ɔnam? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahemfo hyɛ n’ase. N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo, ne tadua yɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a ɛbɔ guo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no a tenenee hyia no baabiara a ɔnam? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahemfo hyɛ n’ase. N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo, ne tadua yɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a ɛbɔ guo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Hena na wakanyan nea ofi apuei no, afrɛ no trenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼafoa ma wɔdan mfutuma, ɔde ne bɛmma ma wɔdan ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Hwan na wakanyane deɛ ɔfiri apueeɛ no, afrɛ no tenenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼakofena ma wɔdane mfuturo, ɔde ne bɛma ma wɔdane ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Hena na onyan nea ofi apuei no a trenee hyia no, baabiara a ɔnam no? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahene hyɛ n’ase. N’afoa ma wɔyɛ sɛ otutuw, ne ta yɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a ɛbɔ gu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 41:2
22 Iomraidhean Croise  

Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.


Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.


Na mepɛkyɛɛ wɔn pasaa sɛ fam mfuturo, metiatiaa wɔn so mewɔɔ wɔn sɛ mmɔntene so dɔteɛ.


Na wɔannya dɔm biara amma Yehoahas gye apɔnkɔsotefoɔ aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufoɔ mpem du, ɛfiri sɛ na Siriahene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfuturo a wɔtiatia soɔ.


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ.


Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔn dua gyee asase mu nhini ara pɛ, na wahu afa wɔn so ama wɔakusa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛ.


Mahwanyan obi afiri atifi fam ama no aba, awiapuebea na ɔbɛfiri abɔ me din; na ɔbɛba amradofoɔ so sɛ anwommoɔ so, na ɔte sɛ ɔnwomfoɔ a ɔwɔ dɔteɛ.


ɔti wɔn na ɔtwam sɔnn, ɔkwan a ne nan nsii so da so.


Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu, na masɔ wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann


Saa na AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no Kores, deɛ masɔ ne nifa mu sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masanesane ahemfo abɔsoɔ, sɛ mɛbue apono n’anim, ne nkuro apono, na wɔantoto mu no:


Me na mama ne so tenenee mu, na mɛtenetene n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro, na ɔbɛgya m’atukɔfoɔ kwan a ɔrennye tiriadeɛ anaa akyɛdeɛ biara, asafo AWURADE na ɔka.


Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma no aba mu; madwene, na mɛyɛ.


Me, me na maka, nso mafrɛ no. Mama no aba, na ne kwan yɛ no siadeɛ kwan.


AWURADE ato m’akunini a ɛwɔ me mu nyinaa agu. Ɔfrɛɛ nnipa dɔm maa wɔhyiaa mu tiaa me, sɛ wɔnnwerɛ me mmeranteɛ; AWURADE atiatia Yuda babaa so sɛdeɛ wɔtiatia nsa-kyi-amena mu.


Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no.


Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan