Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 41:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Mpoano aman, mommua mo ano ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ. Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mpoano aman, mommua mo ano ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ. Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔw! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛmmɔ mu nhyia wɔ asennii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔ! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛn mmom nhyia mu wɔ asɛnniiɛ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 O Mpoano aman, monyɛ komm ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforo. Ma wɔmmra mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asennii ntie atemmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 41:1
22 Iomraidhean Croise  

Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ, na memmisa wo, na kyerɛ me.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Amanaman, montwe mpini mmɛtie, na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Nsuano aman hunui, na wɔsuroe, asase awieeɛ ho popoe; wɔpinkyɛe na wɔbae.


Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn; ka wo deɛ, na woadi bem.


Amanaman nyinaa, monhyia faako, na aman ahodoɔ mmoa ano. Mo mu hwan na ɔbɛka yei, na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn? Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ!


Montwe mpini me, montie yei. Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ; ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.


Montie me, mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman. AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu, ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.


Deɛ ɔbu me bem no abɛn, hwan na ɔne me bɛdi asie? Ɔmma yɛnnyina nhyiam. Hwan na ɔne me anya? Ma no mpinkyɛ me.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan