Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 4:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na ɛbɛyɛ ntomadan a aseɛ wɔ nwunu awia, ahuhuro mu, ɛne dwanekɔbea ne huntabea, aprannaa ne nsutorɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 na ɛbɛyɛ ntomadan a aseɛ wɔ nwunu awia, ahuhuro mu, ɛne dwanekɔbea ne huntabea, aprannaa ne nsutorɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini wɔ awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu wɔ owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na ɛbɛyɛ ntamadan a ase wɔ nwini awia, ahohuru mu, ɛne guankɔbea ne hintabea, ɔprannaa ne osutɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 4:6
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔkora me ne sese mu wɔ hia da, ɔde me hunta ne ntomadan ahuntaeɛ, ɔma me so gyina ɔbotan so.


Anka mɛyɛ ntɛm madwane mafiri mframa kɛseɛ ne ahum yi mu.


Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so.


Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔborɔni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano dwanekɔbea, ahuhuro mu enwunu, na atirimuɔdenfoɔ home ayɛ sɛ ahum ne osuo a ɛboro fasuo,


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.


Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;


na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.


Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.


Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahuhuro biara rento wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan