Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 39:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛn na nnipa yi seɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wɔfiri Babel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛn na nnipa yi seɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wɔfiri Babel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?” Hesekia buae se, “Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wofi Babel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 39:3
15 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE somaa Natan maa no kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kuro bi mu, ɔbaako yɛ ɔdefoɔ, na ɔbaako yɛ ohiani.


Na ɛberɛ no mu no, Ɔdehunufoɔ Hanani baa Yudahene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnam sɛ wotweree Siriahene na woantwere AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siriahene dɔm no afiri wo nsa.


Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.


Ɛnna AWURADE abufuo sɔre tiaa Amasia, na ɔsomaa odiyifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfiri wo nsam no?


Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.


Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so,


Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahu no wo fie? Na Hesekia se: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu, biribiara nni m’adekoradan mu a mamfa mankyerɛ wɔn.


Mommɔ amanaman no kɔkɔ sɛ ɔreba; momma wɔnte wɔ Yerusalem. Atɛfoɔ firi akyirikyiri asase so reba, na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkuro so.


Hwɛ, mede ɔman bi mefiri akyirikyiri mereba mo so, Israel fie, AWURADE asɛm nie. Ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wɔfiri teteete, ɔman a wonnim wɔn kasa, na wonte deɛ wɔka no aseɛ.


Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?


AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,


Na wɔsii mu baa Yosua nkyɛn nsraban mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mmarima no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yɛfiri baeɛ, na afei mo ne yɛn nyɛ apam.


Na wɔse: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa firi akyirikyiri asase bi so aba, ɛfiri sɛ yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ no Misraim nyinaa


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan