Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 34:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu, na wɔn afunu ayi hwa kankan, na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu, na wɔn afunu ayi hwa kankan, na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu, wɔn afunu no beyi hua; wɔn mogya afɔw mmepɔw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu, wɔn afunu no bɛyi hwa; wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔn atɔfo no, wɔbɛtow wɔn agu, na wɔn afunu ayi hua kankan, na wɔn mogya ahono mmepɔw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 34:3
20 Iomraidhean Croise  

Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra. Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ, na wɔn asase bɛboro mogya, na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ.


Na wɔbɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwadeɛ ama honam nyinaa.


Afunumu sie na wɔde bɛsie no, wɔbɛtwe no ato no atwene Yerusalem apono akyiri.


Na da no na AWURADE bɛma atɔfoɔ adeda hɔ afiri asase ano akɔsi asase ano, wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn; wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.


Anaasɛ mema owuyadeɛ ba asase no so, na mehwie m’abufuhyeɛ gu so, mogya mu, sɛ meretwa nnipa ne mmoa afiri so,


na mɛto wo atwene fam, na mato wo atwene ɛserɛ so, na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.


sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mede wo bɛyɛ mogya, na mogya ati wo; sɛ woantane mogya nti, mogya ara na ɛbɛdi w’akyi.


na mede owuyadeɛ ne mogya ne no bɛdi, na mɛtɔ osuo a ɛhwie na ɛsram soɔ ne asukɔtweaa, ogya ne sɔfe agu ɔno ne n’asafotoɔ ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so;


Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa.


Israel mmepɔ so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotoɔ nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a ɛdi nam, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.


Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri, na mapamo wɔn akɔ asase pradada so, na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu, na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre, na wɔn nyaanyane bɛsɔre, ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ.


Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim deɛ no baa mo mu, mede afena mekunkumm mo mmeranteɛ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum, na memaa mo nsraban mu kankan sɔre hyɛnee mo hwene mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Apɔnkɔsotefoɔ nam so reba, afena te nyinamnyinam, na pea pa sɛ ɔsraman, atɔfoɔ dɔɔso, awufoɔ dodoɔ yɛ duru na afunu nni ano; wɔsuntisunti wɔn afunu no.


Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan