Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 32:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee mu na sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 32:1
24 Iomraidhean Croise  

Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.


Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so. Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho, me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.


Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so, na obi atena so, nokorɛ mu, wɔ Dawid ntomadan no mu, deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee, na ɔyɛ adetenenee ntɛm.


ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no.


Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma.


na ɛbɛyɛ ntomadan a aseɛ wɔ nwunu awia, ahuhuro mu, ɛne dwanekɔbea ne huntabea, aprannaa ne nsutorɔ mu.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma asɛmpa a mekaa no Israel fie ne Yuda fie ho no aba mu.


Nna no mu ne berɛ no mu na mɛma tenenee ban afefɛ ama Dawid, na wabu atɛntenenee, ayɛ ade tenenee asase so.


Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene, na odwanhwɛfoɔ koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanante m’atemmudeɛ mu, na wɔahwɛ m’ahyɛdeɛ ayɛ,


Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na sɛdeɛ bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.


Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan