Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 30:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Wɔsim kɔ Misraim a wɔmmisa m’anomu asɛm, sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden, na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Wɔsim kɔ Misraim a wɔmmisa m’anomu asɛm, sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden, na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 wɔn a wɔkɔ Misraim a wommisa me ansa; wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn, wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 wɔn a wɔkɔ Misraim a wɔmmisa me ansa. Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn. Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Wosim kɔ Misraim a wɔammisa m’anom asɛm, sɛ wokotweri Farao ahoɔden, na wɔakɔdɔ Misraim nwini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 30:2
26 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio a yɛbɛbisa ne hɔ adeɛ anaa?


Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu.


Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abuo yi so, ɛne Misraim a sɛ obi twere no a, ɛwɔ ne nsam hwire mu! Saa na Misraimhene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.


Tu fo, bu atɛn; ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hunta, nyi adwanefoɔ mma;


Aa, asase a wɔte ntaban nnyegyeɛ wɔ soɔ, a ɛwɔ Etiopia nsubɔntene agya nohoa.


Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abuo a sɛ obi twere no a ɛwɔ ne nsam hwire mu no: Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.


Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewa yi mu safohene baako?


Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?


Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Misraim korɔ mu, a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsuo yi? Anaasɛ ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria korɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsuo yi?


Bisa AWURADE hɔ adeɛ ma yɛn, ɛfiri sɛ Babelhene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako, ebia AWURADE ne yɛn bɛdi no sɛdeɛ n’anwanwadeɛ no nyinaa teɛ no, na wafiri yɛn so akɔ.


Na Farao dɔm afiri Misraim reba, na Kaldeafoɔ a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wɔtu firii Yerusalem ho kɔe.


ka sɛ: Dabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhunu dɔm na yɛrente totorobɛnto hyɛne na aduanekɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a,


bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi,


Na moatwa mo ara mo kra nkontompo, ɛfiri sɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa ara na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ.


na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tapanes.


Yɛn hwene mu ahome, deɛ AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amena mu, ɔno a yɛkaa sɛ: Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa, amanaman mu no.


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔadwane me; ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔato me mmara; na me deɛ, anka mɛgye wɔn, nanso wɔdi me ho torɔ.


Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti, wɔn so afiri aseɛ ahwan.


Na wɔn deɛ, wɔaforo kɔ Asiria; ewiram afunumu na ɔno nko ate ne ho; Efraim abobɔ adɔfoɔ paa.


Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.


Na AWURADE de wo bɛsane afa ahyɛn mu akɔ Misraim wɔ ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhunu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfoɔ sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo mpo.


Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa.


Na nkasɛɛ ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokorɛ mu na moresra me ngo asi me mo so hene a, ɛnneɛ mommra mmɛhyɛ me nwunu ase; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan