Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 3:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 ɔbɛma ne nne so da no sɛ: Merenyɛ ɔyaresafoɔ, na me fie nso, aduane nni hɔ na atadeɛ nni hɔ, monnsi me ɔman panin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 ɔbɛma ne nne so da no sɛ: Merenyɛ ɔyaresafoɔ, na me fie nso, aduane nni hɔ na atadeɛ nni hɔ, monnsi me ɔman panin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso da no ɔbɛteɛ mu se, “Minni nea mede bɛyɛ. Minni aduan anaa ntama wɔ me fi; mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, ɛda no ɔbɛteam sɛ, “Menni deɛ mede bɛyɛ. Menni aduane anaa ntoma wɔ me fie; mfa me nyɛ nnipa no so dikanfoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nanso ɔbɛma ne nne so da no sɛ: Merenyɛ mo yaresafo, na me fi nso, aduan nni hɔ na atade nni hɔ, munnsi me ɔman panyin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 3:7
10 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,


Na wo mufoɔ bɛkyekyere tete akurofo, wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ fapem agyina, na wɔafrɛ wo ɔpamago, deɛ ɔtoto akwan sɛ nnipa ntena hɔ.


Toɔ na woato Yuda atwene, anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwunu? Ɛdeɛn nti na woabubu yɛn na yɛnni ɔyaresafoɔ yi? Yɛhwɛ asomdwoeɛ kwan, nso papa biara amma; yɛhwɛ ɔyaresa berɛ kwan nso, na hwɛ, akomatuo na ɛwɔ hɔ.


Ɛdeɛn adanseɛ na menni woɔ, ɛdeɛn na memfa mento wo ho, Yerusalem babaa? Ɛdeɛn na memma no ne wo nsɛ, na mede makyekyere wo werɛ, ababaa, Sion babaa? Na wo sɛeɛ so sɛ ɛpo, hwan na ɔbɛtumi asa wo yadeɛ?


Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ.


Na Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda hunuu ne kuro; na Efraim sii mu kɔɔ Asiria, na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ, na ɔrentumi nkum mo ho akuro.


Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Wɔantwa aduane amfiri yɛn anim, na anigyeɛ ne ahosɛpɛ amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa?


Na mema me nsa so mekɔ soro, na mese: Sɛ mete ase daa yi!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan