Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 3:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nante, wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nante, wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade kasa se, “Sion mmabea yɛ ahantan; wɔnantew toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wotutu wɔn anammɔn ntiantia, na wɔn anan ase nkaa gyigye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade kasa sɛ, “Sion mmammaa yɛ ahantan; wɔnante toto wɔn kɔn, wɔdeda wɔn ani akyi, wɔtutu wɔn anammɔn ntiawa ntiawa, na wɔn nan ase nkawa gyegye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na AWURADE aka sɛ: Esiane sɛ Sion mmabea yɛ ahantan na wɔtoto wɔn kɔn deda wɔn ani akyi nantew, na wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyigye nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 3:16
16 Iomraidhean Croise  

Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan.


Ani a ɛtra ntɔn ne akoma a ɛhoran, mekyerɛ, abɔnefoɔ kwan no deɛ, ɛyɛ bɔne.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi, na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ!


O Sion mmammaa, momfiri adi mmɛhwɛ Ɔhene Salomo, abotire a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne n’akoma anigyeɛ da no.


Na wɔagya Sion babaa hɔ sɛ bobeturom sese, te sɛ ɛferɛ turom homebea, sɛ kuro a wɔatua no.


Asase aboto na akusa, wiase anyam na akusa, ɔsoro ne asase bom boto.


Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,


AWURADE bɛma tirimkuro agu Sion mmammaa mpampam, na AWURADE bɛyi wɔn adagya so.


Ɛda no AWURADE bɛyi afɛfɛdeɛ no, nan ase nkaa, ntomaban, asranefa,


Na mede mmerantewaa mayɛ wɔn asafohene, na mmotafowa adi wɔn so.


da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.


Ɛda no mɛyi w’animguaseɛ nneyɛɛ a wode too me mmara no nyinaa afiri hɔ, na mɛyi wɔn a wɔdi ahantan mu ahurisie no afiri wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔ kronkron no so.


Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.


Na Yesu danee n’ani kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Yerusalem mmammaa, monnsu me, na monsu mo ho ne mo mma!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan