Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebegyae nea ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei hwɛ, Awurade, Asafo Awurade, rebɛgyae deɛ ɔde ma wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: aduane ne nsuo a ɔde ma wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, beyi Yerusalem ne Yuda akyidua nyinaa, akyidua sɛ nnwumayɛfo nyinaa, akyidua sɛ aduan nyinaa ne akyidua sɛ nsu nyinaa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 3:1
19 Iomraidhean Croise  

Bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron no, na ɛkɔm no mu ayɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfoɔ no.


Na ɔmaa ɛkɔm baa asase no so, ɔbubuu aduane poma nyinaa mu;


Enti AWURADE, asafo AWURADE, Israel Tumfoɔ no, asɛm nie: Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ, na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so.


Montwe mo ho mfiri onipa a ahome wɔ ne hwene mu no ho, na onipa yɛ deɛn koraa?


Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nante, wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti,


Na Rabsake no se: Me wura asoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nkyerɛ wo wura ne wo, ne mpo mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi a, wɔadome wɔn sɛ wɔbɛdi wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔbɛnom wɔn dwonsɔ sɛ mo.


Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti; na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ, na sukɔm ade wɔn dɔm;


Sɛ wo Wura, AWURADE ne wo Nyankopɔn a ɔdi ma ne man no seɛ nie: Hwɛ, megye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa no, worenkɔ so nnom bio.


Na wɔhwim di, nifa so, nanso ɛkɔm de wɔn ara, na wɔdidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara wɔn nsa ho nam.


Ɛnna Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfoɔ abannwa mu, na da koro wɔma no paanoo mua firi paanootofoɔ borɔno mu, kɔsii sɛ paanoo nyinaa saa kuro no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ abannwa mu ara.


Me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ Odiyifoɔ Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔato no atwene amena mu sɛ ɛkɔm nkum no deɛ ɔwɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro mu bio.


Na AWURADE abufuo nti, ɔtoo Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene anim atua.


Bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ ma asase no so nkurɔfoɔ no.


Nsuo a yɛnom, yɛtua ka, yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn.


Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne di afomfonsɛm bi, na metene me nsa wɔ so, na mebu ne paanoo dua mu, na mema ɛkɔm ba so, na metwa nnipa ne mmoa firi so,


Na mɛbubu mo aduane dua, na mmaa du ato mo paanoo fononoo baako mu, na wɔakari mo paanoo ama mo, na mobɛdi na moremmee.


Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkuro nyinaa mu na modii aduanekɔm, mo tenabea nyinaa mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan