Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 26:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade, woama yɛn asomdwoe; nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoe ama yɛn, na yɛn nneyɛe nyinaa nso, woawie ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 26:12
22 Iomraidhean Croise  

AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man.


Mesu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn, mefrɛ Onyankopɔn a ɔdi ma me wie.


Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me, ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora. Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.


Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo, Onyankopɔn, hyɛ deɛ woayɛ ama yɛn yi mu den.


Na AWURADE yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so, na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn, aane, yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie.


Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.


Agye sɛ wɔdwane bɛtoa me, na wɔne me di asomdwoeɛsɛm, asomdwoeɛsɛm na ma wɔne me nnie.


Na sɛ ɔhunu ne mma, a wɔyɛ me nsa ano adwuma wɔ wɔn mfimfini a, wɔbɛdwira me din ho. Wɔbɛyɛ Yakob Kronkronni no kronkron, na wɔde suro agyina Israel Nyankopɔn no anim.


na me man bɛtena asomdwoeɛ fie, ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.


Wo kwan tentene no nti wobrɛe, nanso woanka sɛ: Mfasoɔ biara nni so; wonyaa wo nsam akwanhosan nti, anyɛ wo ya.


Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.


Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.


Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn.


Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.


Nanso mesiankaa me nsa, na me din nti, meyɛe, na ɛho angu fi amanaman a meyii wɔn firii wɔn anim no.


Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


AWURADE mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoeɛ.


Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan