Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 24:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Asase so nnipa agu ne ho fi; wɔanni mmara no so, wɔabu ahyɛde no so na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Asase so nnipa agu ne ho fi; wɔanni mmara no so, wɔabu ahyɛdeɛ no so na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 24:5
49 Iomraidhean Croise  

Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa?


sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.


ɛfiri sɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo firi da a wɔn agyanom firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ.


Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfoɔ anim no.


na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ, na ɔde maa Israel sɛ daa apam no,


Suro ne ahopopoɔ aba me so, na ahoyera akata me so.


Ɔman a nyamesuro nni wɔn mu mu na masoma no akorɔ, na m’abufuo man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asadeɛ na ɔnkɔfom mfa, na ɔntiatia wɔn so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


Na wɔyɛ atuateɛ man, mma atorofoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie AWURADE mmara.


akwantempɔn afu, akwantemfoɔ to atwa; wɔabu apam no so, wɔabu nkuro animtia, wɔammu ɔdasani biara.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ, na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho; na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu, na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


wɔasane kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wɔtie me nsɛm no amumuyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn. Israel fie ne Yuda fie ato m’apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ no.


Wɔbɛbisa Sion akyiri kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ, aka sɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, wɔ daa apam a yɛn werɛ remfire mu.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Meyɛ wo sɛdeɛ woyɛeɛ no ara a, wobuu ntanka animtia sɛ worebu apam soɔ no.


Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.


ɛsiane sɛ wɔanyɛ m’atemmudeɛ na wɔapo m’ahyɛdeɛ, na wɔagu me home nna ho fi, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuo akyiri nti.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na wɔatim na mama wɔakyene, na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu akɔsi daa.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no, na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, mfeɛ mmiɛnsa ne fa.


na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnante ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so de sii yɛn anim no mu.


yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.


Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.


Enti monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ akɔtena soɔ no amfe mo angu.


Nna a ɛso bɛda hɔ tuu no nyinaa na ɛbɛhome, sɛ nna dodoɔ a anhome, mo home mmerɛ mu, berɛ a na mote soɔ no.


Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, efiguo a ɛde sɛeɛ a ɛso ba no nti.


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.


na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn, mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie, na awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokorɛ nni wɔn mu.


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


Na afei, kane apam no nso wɔ ɔsom ho nhyehyɛɛ ne wiase ha kronkronbea deɛ:


Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.


Ɛnna Yosua ne ɔman no pam da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Sekem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan