Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 24:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Asase aboto na akusa, wiase anyam na akusa, ɔsoro ne asase bom boto.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Asase aboto na akusa, wiase anyam na akusa, ɔsoro ne asase bom boto.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Asase so yɛ wosee, na ekisa wiase kɔ ahoyeraw mu, na ekisa, nea wɔama no so wɔ asase so ho yeraw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Asase so yɛ wesee, na ɛkusa ewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa, deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Asase abotow na akisa, asase asɛe, na akisa, na ɔsoro ne asase so anuonyamfo asɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 24:4
12 Iomraidhean Croise  

Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.


Wɔbɛsɛe asase pasapasa, na wɔafom no pasaa afa, ɛfiri sɛ AWURADE na waka asɛm yi.


Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.


na n’apono bɛdi abooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam.


Asase redi abooboo na akusa; Lebanon ani awu, adwan koraa; Saron adane sɛ anwea pradada so, Basan ne Karmel so nhahan apo.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo, na afuom ahahan ntwintwam? Ɛsofoɔ bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.


Ɛno nti na asase di abooboo na ɔsoro biri tumm wɔ soɔ, ɛfiri sɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensane memfiri ho.


Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.


Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.


Mfuo asɛe, asase di abooboo, na aduane asɛe, nsamono awe, ngo so ate.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan