Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 24:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ, ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni, ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ, ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni, ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 ɛbɛyɛ saa ara ama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa, ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo, ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa, ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ, ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea, ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 ɛbɛyɛ saa ara ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa, ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ, ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa, ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ, ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea, ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na sɛnea ɛbɛyɛ ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ ɔsɔfo ara nen, sɛ ɛbɛyɛ akoa no, saa ara na ɛbɛyɛ ne wura, na sɛ ɛbɛyɛ afenaa no, sɛ ɛbɛyɛ n’awuraa ara nen, na ɛbɛyɛ ɔtɔfo sɛ ɔtɔnfo, ne ɔdefirifo sɛ ɔdefɛmfo pɛ, na nea ɛbɛyɛ ɔkafo no, sɛ ɛbɛyɛ ɔkafoni ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 24:2
26 Iomraidhean Croise  

Na wɔwoo mma baanu maa Yosef ansa na ɛkɔm mfirinhyia no reduro; wɔn na On sɔfoɔ Potifera ba Asnat wo maa no.


Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ,


Enti wɔbrɛ onipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: Mfa nkyɛ wɔn.


Wɔbɛsɛe asase pasapasa, na wɔafom no pasaa afa, ɛfiri sɛ AWURADE na waka asɛm yi.


Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu na wɔhinhim wɔ nsaden mu, ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu. Nsa amene wɔn, nsaden nti wɔhinhim, wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu, wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu.


Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam, na wɔabrɛ ahantanfoɔ aniwa ase;


Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrantɛ bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panin no kumm no.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio.


N’adiyifoɔ bɔne, ne n’asɔfoɔ amumuyɛ nti na ɛbaa saa; ma wɔhwiee teneneefoɔ mogya wɔn mfimfini.


AWURADE ankasa na apansam wɔn, ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn; wɔnhwɛ asɔfoɔ anim, mpanin anim amma nyam.


Na me man babaa amumuyɛ so akatua sene Sodom bɔne no deɛ, ɛno nti na wɔbutuu no amonom, a ɛnyɛ nsa na ɛsɛe no.


Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti, na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan