Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 24:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ sotefo ahwete,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 24:1
45 Iomraidhean Croise  

Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;


Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo deɛ, mofom a, me nso mɛbɔ mo apete aman mu.


AWURADE kora ahɔhoɔ, ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.


Enti mɛma ɔsoro awoso, na asase ahinhim afiri ne sibea, asafo AWURADE abufuferɛ no ano ne n’abufuhyeɛ da no nti.


Wɔfiri akyirikyiri asase so ne ɔsoro ano reba, AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.


Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro ne fam amena mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.


Dwirie na asase dwirie, paeɛ na asase paeɛ, popoɔ na asase popoɔ.


Asase tɔ ntintan sɛ nsaboni, na ɛhinhim sɛ asesewa bi, na ne mmarato ayɛ ne so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.


Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.


Mosisi nnoɔma tiri ase! Wɔbu ɔnwomfoɔ sɛ dɔteɛ, na anwonneɛ aka akyerɛ ne yɛfoɔ sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa anwonneɛ aka akyerɛ ɔnwonfoɔ sɛ: Ɔnnim de?


Na mɛma Ariel ho akyere no, na abooboodie ne abubuo bɔ aba, na adane me sɛ Ariel


na hyɛberɛ abaa a AWURADE bɛma no asi ne soɔ no bɛka no, mpintin ne asankuo ano, na ɔde nsa ɛrepopoɔ na ɛne no bɛko.


Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛso pii no ntira.


Asase redi abooboo na akusa; Lebanon ani awu, adwan koraa; Saron adane sɛ anwea pradada so, Basan ne Karmel so nhahan apo.


ɛrennum anadwo ne awia, ne wisie bɛpunu akɔsi daa, na ayɛ amamfo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa;


Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.


Mɛma mmepɔ ne nkokoɔ atwintwam, na mama ɛso nhahan nyinaa adwinnwan; na madane nsubɔntene nsupɔ, na mawe ntadeɛ nyinaa.


mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.


Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefoɔ afiri adi; watu afiri ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkuro abobɔ a obi nte mu bio.


Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoa mu wɔ Mispa sɛ: Ma menkɔ menkɔkum Netania ba Ismael, na obiara ante; adɛn nti na ɔmmɛku woɔ, na Yudafoɔ a wɔaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yudafoɔ nkaeɛ no nyera?


Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu.


Babelhene Nebukadnessar atete me, wayam me, ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi, wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma, wapu me agu sɛ nsuo.


Na mɛbɔ wɔn apete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhunuu wɔn da mu, na mama afena adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛwie wɔn sɛeɛ.


Na nkuro a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adane afo, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na fa ɛsɛn no mpan si nsramma no so, deɛ ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ ayɛ kɔɔ, na emu fi no anane na ne nnaakyen asa.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛberɛ a asase nyinaa ani bɛgyeɛ no, wo deɛ, mɛyɛ wo afo.


Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wɔtwam nyinaa anim.


Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire.


Na mɛtene me nsa atia wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ asene Ribla serɛ so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no.


Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;


Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ, nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.


mmepɔ woso n’anim, na nkokoɔ hono; asase woso n’anim, aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.


Hwɛ, Ninewe sɛdeɛ woada mpan, woayɛ hunu na woadane amamfo, na w’akoma ahodwo na wo nankoroma hinhim, w’asene mu nyinaa yɛ wo ya, ne sɛdeɛ w’anim asiam fitaa.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom no bi kɔmaa kuro no mu mpanimfoɔ, na wɔteateaa mu sɛ: Yeinom a wɔadane wiase ani abutuo no aba ha nso!


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


Anka mese: Mɛhu wɔn agu, mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan