Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 23:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Sidon, ma w’ani nwu: Na ɛpo mu abankɛseɛ, ka sɛ: Menkyemm na menwoo mma da, na menyɛnee mmeranteɛ na mentetee mmabaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Sidon, ma w’ani nwu: Na ɛpo mu abankɛseɛ, ka sɛ: Menkyemm na menwoo mma da, na menyɛnee mmeranteɛ na mentetee mmabaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen, efisɛ po akasa se, “Menkyemee da, na menwoo da; mentetew mmabarima anaa mmabea da.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban, ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ, “Menkyemee da na menwoo da; mentetee mmammarima anaa mmammaa da.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Sidon, ma w’ani nwu; na ɛpo, po mu abankɛse, ka sɛ: Mankyem na manwo mma da, na manyɛn mmerante na manturu mmabaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 23:4
12 Iomraidhean Croise  

Kanaan woo n’abakan Sidon, ne Het,


Na Kanaanfoɔ hyeɛ firi Sidon kɔduru Gerar de kɔsi Gasa kɔduru Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kɔsi Lasa.


ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo,


na fa abɔfoɔ a wɔbaa Yudahene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mane Edom hene, Moab hene, Amon mma hene, Tiro hene ne Sidon hene,


Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm,


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, O Sidon, na mɛnya wo mu animuonyam, na sɛ meyɛ ne mu atemmudeɛ na meyi ne mu kronkronyɛ adi a, wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.


na kanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne wo mu bio, ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ, na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan