Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 22:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Enti na mese: Monyi mo ani mfiri me so na mensu su yaya. Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa no sɛeɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Enti na mese: Monyi mo ani mfiri me so na mensu su yaya. Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa no sɛeɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti mekae se, “Mumfi me so na mintwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfo sɛe ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so na mentwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Enti na mise: Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 22:4
20 Iomraidhean Croise  

Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam atene anadwo nyinaa, na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ.


wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so, wɔn nyinaa retwa adwo su pii.


Hwɛ, wɔn abrane reteam mmorɔno so, asomdwoeɛ abɔfoɔ resu su yayaaya;


Na sɛ moantie a, me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti, na m’ani afiri nisuo ara, na nisuo aporepore me, sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne esu yaya. Rahel resu ne mma, na ɔmpene sɛ wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.


Me yam hyehye me, me yam hyehye me! Merebrɛ yea mu! O m’akoma afasuo mu! M’akoma pere me, mentumi memmua m’ano. Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn, ɔko mu sebɔ.


O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.


Mennya m’awerɛhoɔ mu awerɛkyekyerɛ, m’akoma aboto wɔ me mu.


O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo.


na wɔnyɛ ntɛm ntue yɛn ho su, na yɛn ani mporepore nisuo, na yɛn anisuatɛtɛ nsene nsuo.


Nisuo ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma ate, ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti, ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti, kuro no mmɔntene so.


Na ɔde maa sɛ wɔmpɔ ho sɛ wɔde nsa rekura, wɔase nkrantɛ no na wɔapɔ ho nso, sɛ wɔde rehyɛ okumfoɔ nsa.


na wɔbobɔ tikwa ma wo, firafira ayitoma na wɔde ɔkra awerɛhoɔ ne agyaadwotwirɛ yaya su ma wo,


Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.


Wɔtee nne bi Rama, esu ne awerɛhoɔ kɛseɛ; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.


Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya.


sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,


Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan