Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 22:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm. Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm. Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no: Dɛn na ɛhaw mo mprempren, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho: Ɛdeɛn na ɛha mo seesei, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Adehu bon no ho atemmusɛm: Ɛdɛn na ɛyɛ wo na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 22:1
26 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.


Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ampa, meyɛ okunafoɔ, me kunu awu.


Na Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ɔbaa yi ka kyerɛɛ me sɛ: Fa wo ba ma yɛnni ne nam nnɛ, na yɛadi me ba nam ɔkyena.


Ɛpo, ɛdeɛn na ɛyɛɛ woɔ na woredwane, na wo Yordan nso, woresane w’akyire yi?


Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no, saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia firi seesei de kɔsi daa.


Anisoadehunu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso deɛ ɔbu mmara no, nhyira ne no.


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:


wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so, wɔn nyinaa retwa adwo su pii.


Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da, adehunu bonhwa no mu, wɔdwiri ɔfasuo no, wɔteam ma no gyegye mmepɔ so.


Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.


Hwɛ, me ne mo a mote bonhwa mu, asaseta so botan soɔ no anya, AWURADE asɛm nie, mo a moka sɛ: Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn soɔ, na hwan na ɔbɛba yɛn tenabea no?


na Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi reko no bɛba abɛto kuro yi mu gya, na wɔahye ɛno ne adan a wɔahye atifi aduhwam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ, sɛ wɔde rehuru me boɔ no.


Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɔne a wɔyɛɛ no, sɛ wɔde rehuru me boɔ no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahemfo, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ ne Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ.


Esutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi, ne ne mmorɔno soɔ, na mabɔ Moab sɛ kukuo bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm nie.


Amanaman nsɔre ntu mmra Yehosafat bonhwa no mu; na ɛhɔ na mɛtena ase abu amanaman a wɔfiri afa nyinaa atɛn.


Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmuo bonhwa no mu; ɛfiri sɛ AWURADE da no abɛn, atemmuo bonhwa no mu.


Saa nti adeɛ bɛsa mo, mo anisoadehunu ho, na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho, na owia bɛtɔ adiyifoɔ no so, na adekyeeɛ adane wɔn so sum kabii;


ne wɔn a wɔsɔre ewiem nnoɔma wɔ adan atifi, ne asɔrefoɔ a wɔkeka AWURADE ntam na wɔkeka Milkom ntam


Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.


Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.


Sɛ wosi dan foforɔ a, gye wo dan atifi ban, na obi amfiri hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodie amma wo dan no so.


na wɔdanedanee wɔn ho ka kyerɛɛ Mika sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wode ɛdɔm a ɛte sɛɛ reba yi?


Na hwɛ, na Saulo di anantwie akyi firi afuo mu reba; na Saulo kaa sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfoɔ nsɛm no kyerɛɛ no.


Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan