Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 21:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu, ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no; nea metee no nti mintumi nnyina me nan so, nea mihu no ama me ho adwiriw me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu, ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no; deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so, deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti m’asen mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɔkyem aka me sɛ ɔbea ɔwofo kyem; yaw a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyeraw me nti, minhu ade,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 21:3
17 Iomraidhean Croise  

Nketenkete kutaa wɔn, yea kaa wɔn sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.


na wɔn ho bɛdwiri wɔn, nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn, wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ. Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.


M’akoma su ma Moab, na n’adwanefoɔ kɔduru Soar, kɔduru Eglat-selisiya. Na Luhit aforoeɛ no, wɔde nisuo foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.


Enti me kra si apini wɔ Moab ho, me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.


Enti mede Yaser su mesu Sibma bobe no, mede nisuo gu wo so, O Hesbon ne Eleale; na wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔko nteateam aba;


Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ a ɔbɛn awoɔ kyem na ɔtea mu ne yea mu no, sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;


Me yam hyehye me, me yam hyehye me! Merebrɛ yea mu! O m’akoma afasuo mu! M’akoma pere me, mentumi memmua m’ano. Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn, ɔko mu sebɔ.


Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no, na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no, na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔdeɛ retu aba, na ɔtrɛ ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Babel hene te wɔn nka, na ne nsam ago; ahohiahia akye no, ne yea sɛ ɔbaa wofoɔ.


Yɛate wɔn nka, yɛn nsam ago, yɛn ho yera yɛn, sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.


Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.


Na w’akoma mu suro a wobɛsuro ne w’ani so adeɛ a wobɛhunu nti, anɔpa wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anwummerɛ ɛ, na anwummerɛ nso wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anɔpa ɛ!


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan