Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho: Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no, ɔtamfo bi fi nweatam so reba, ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho: Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no, saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba. Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Atemmusɛm a ɛfa Mpoano sare so aman ho ni: Sɛ ahum tutu fi Negeb fam ba no, saa ara na efi anwea so, efi asase a ɛso yɛ hu so ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 21:1
21 Iomraidhean Croise  

Ahum firi mpiakyire hɔ ba, na awɔ nso firi atifi fam.


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:


Enti mɛma ɔsoro awoso, na asase ahinhim afiri ne sibea, asafo AWURADE abufuferɛ no ano ne n’abufuhyeɛ da no nti.


Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho.


mɛforo akɔ mununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.


Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie.


Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.


Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.


Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm, na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ, na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ merehwanyan ɔsɛefoɔ honhom atia Babel ne wɔn a wɔtete nnipa a wɔne me anya no mu,


Ɛpo abɛsram Babel so, n’asorɔkyeɛ huuyɛ akata so.


Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, ɛfiri sɛ ananafoɔ aba AWURADE fie akronkronneɛ no.


Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.


Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman aniɛdenfoɔ no, wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no, na wɔatwetwe wɔn nkrantɛ atia Misraim, na wɔde atɔfoɔ ahyɛ asase no ma.


Na ananafoɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ too no gui na wɔgyaa no hɔ; mmepɔ so ne mmonhwa nyinaa mu na na ne mman guguo, na ne mman akɛseɛ no bubui wɔ asase so nsubɔnhwa nyinaa mu, na asase so aman nyinaa firii ne nwunu no mu sane kɔe, gyaa no hɔ.


Na wobɛba sɛ ahum, wobɛba sɛ mununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asafotoɔ no nyinaa ne aman pii a ɛkeka wo ho.


Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so.


Na AWURADE bɛyi ne ho adi wɔ wɔn so, na n’agyan afiri adi sɛ ɔsraman; na AWURADE Nyankopɔn bɛhyɛne totorobɛnto, na wanante ahum a ɛtutu anafoɔ fam mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan