Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 20:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Awurade kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE kae sɛ: Sɛnea m’akoa Yesaia nam adagyaw ne nammɔnhunu, na wayɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade mfensa Misraim ne Etiopia ho yi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 20:3
16 Iomraidhean Croise  

Na mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ.


Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn sɛ:


Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu.


Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.


Na nkrantɛ bɛba Misraim so, na nketenkete akuta Etiopia, ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ na wɔredwiri ne nnyinasoɔ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔn a wɔboa Misraim bɛtotɔ, na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase. Ɛfiri Migdol kɔsi Siene wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,


Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem,


Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ dadeɛ fasuo, wo ne kuro no ntam, na dane w’ani kyerɛ no, na ɛnni ntekamu, na tua no; ɛno nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israel fie.


Mo, Etiopiafoɔ, nso, m’afena ano na mobɛtotɔ.


Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.


Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan