Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Abosonhuhuo nso ahyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano adwuma na wɔsom, adeɛ a wɔn nsateaa ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Abosonhuhuo nso ahyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano adwuma na wɔsom, adeɛ a wɔn nsateaa ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, nea wɔn nsateaa ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, deɛ wɔn nsateaa ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Abosonhuhuw nso ahyehyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano nnwuma na wɔsom, ade a wɔn nsatea ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 2:8
28 Iomraidhean Croise  

Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba Odiyifoɔ Yehu so ba tiaa Baasa ne ne fie, bɔne a ɔyɛɛ no AWURADE ani soɔ nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛɛ sɛ Yeroboam fie no huruu ne boɔ ne kum a ɔkumm no ho.


na wɔyeyɛɛ adum ne Asera nnua, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn ho.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ no ara. Nanso wanhyɛne AWURADE asɔredan no mu. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.


na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.


O AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ woɔ abɛdi yɛn so, nanso wo nko ara na yɛkamfo wo din.


na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko, na wɔasɛe wɔn.


Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔguo, na sikadwumfoɔ de sika adura ho, na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;


Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛɛ nyɛ hwee; wɔn guo ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.


Mo a mo ani so yɛ hyeɛ abosonnua no ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, na mokunkumm mo mmɔfra asubonhwa mu, abotan mpaepaeɛ ase!


Na mabu wɔn wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagya me, na wɔahye aduhwam ama anyame foforɔ, na wɔakoto asɔre wɔn nsa ano nnwuma.


Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!


Gilead yɛ abusudeɛ anaa? Wɔadane ahuhudeɛ ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ, wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ afuo mu nkofie so aboɔkuo.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni ne wɔn nhunumu ano adwinhoni; ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ, nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.


Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa.


na mɛtwitwa wo ntafowayie afiri wo nsam, na woannya akɔmfoɔ bio;


Na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene na ɔhunuu sɛ kuro no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometeɛ pa ara.


na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛnnidie na ɛnhua adeɛ nhwɛ no.


Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu no ansakyera wɔn adwene amfiri wɔn nneyɛɛ ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika, ne dwetɛ, ne yaawa, ne aboɔ, ne dua honi a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm nanso ɛntumi nnanteɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan