Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 2:4
26 Iomraidhean Croise  

Ɔbɛdi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ tire asase a ɛtrɛ so.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.


Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.


wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu.


na tenenee no nneyɛɛ bɛyɛ asomdwoeɛ, na tenenee so aba ayɛ kommyɛ ne ahotosoɔ akɔsi daa;


na me man bɛtena asomdwoeɛ fie, ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.


Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefiri wisie no, ɔrennum; nokorɛ mu na ɔbɛyi atemmuo adie.


Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no, wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.


Momfa mo nsɔ mmobɔ mfena, na momfa mo nnerɛ mmobɔ mpea. Deɛ wahodwo nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.


Amanaman nsɔre ntu mmra Yehosafat bonhwa no mu; na ɛhɔ na mɛtena ase abu amanaman a wɔfiri afa nyinaa atɛn.


Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.


Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan