Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 2:11
61 Iomraidhean Croise  

Na ɔman a wɔbrɛ wɔn ho aseɛ no, wogye wɔn, na w’ani sa ahantanfoɔ na woabrɛ wɔn ase.


Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ, na wobrɛ ahantanfoɔ ase.


Na wo na woma me kanea derɛ, AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.


Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka.


Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi, na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ!


Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.


Na da no mobɛka sɛ: Monna AWURADE ase; mommɔ ne din. Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so!


Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho, ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa, na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase;


Mmom Asamando na woresiane akɔ akɔduru Amena no ase tɔnn.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.


Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ ayɛ afasuo ne epie.


Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,


Ɛda no, asotifoɔ bɛte nwoma mu nsɛm no, na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu ahunu adeɛ;


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na wɔama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no.


Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so.


ɔno na ɔma aberempɔn yɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, ɔdane asase so atemmufoɔ sɛ ahuhudeɛ.


Saa nti me man bɛhunu me din, saa nti da no ara wɔbɛhunu sɛ me ara mene deɛ ɔka sɛ: Menie.


M’agyapadeɛ adane me ɔkɔdeɛ a ɔda nso? Akɔdeɛ atwa ho ahyia? Monkɔ nkɔboaboa wiram mmoadoma nyinaa ano mmra, na wɔmmɛdidi.


na yei ho mmom na ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho no nhyehyɛ ne ho, sɛ ɔnim de, na wahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee, yɛ adetenenee, asase soɔ, na yei na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm nie.


Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wɔbɛhunu,


na me ninkuntwe mu, m’anibereɛ gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no awosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so,


Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa.


na Israel fie bɛhunu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn ɛfiri da no de rekorɔ,


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, wobɛfrɛ me: Ishi. Na woremfrɛ me: Me Baal! bio.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


Na ɛda no ɛbɛba sɛ mɛgye so, AWURADE asɛm nie, mɛgye ɔsoro so, na ɛno nso agye asase so,


Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.


Ɛnyɛ ɛda no, na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ? AWURADE asɛm nie.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene abusua yi ho asɛmmɔne bi a morentumi nyiyi mo kɔn mfiri mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ berɛ bɔne.


Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mɛboa asiiɛfoɔ no ano, na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba, ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no.


Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, mɛtwa w’apɔnkɔ mafiri wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam,


Ɛda no mɛyi w’animguaseɛ nneyɛɛ a wode too me mmara no nyinaa afiri hɔ, na mɛyi wɔn a wɔdi ahantan mu ahurisie no afiri wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔ kronkron no so.


Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo.


Na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛgye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nnwankuo, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ abotire aboɔ a ɛhyerɛnhyerɛn n’asase no soɔ.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Na deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;


ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asie, na yɛafa adwene nyinaa dommum de ayɛ setie ama Kristo,


ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan