Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ animuonyam nti, hyɛne ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfuturo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ animuonyam nti, hyɛne ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfuturo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Kɔhyɛn abotan no mu, fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ anuonyam nti, hyɛn ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfutuma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 2:10
22 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri sɛ mmusuo a ɛfiri Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.


Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu, na ma wɔn anim ntintim ahuntaeɛm,


sɛ wɔbɛma nnipa mma ahunu ne mmaninneɛ ne n’ahennie animuonyam a ɛhran no.


Hwan na ɔhunu w’abufuo ano den a ɛyɛ, ne w’anibereɛ, sɛ wo ho suro teɛ?


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu, sɛdeɛ osudwareni trɛ ne nsam dwareɛ no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.


Nanso wɔyɛ ɔman a wɔatwa wɔn dwo, afom wɔn afa. Wɔama wɔakɔka ntokuro mu, wɔde wɔn ahunta nneduadan mu. Wɔatwa wɔn dwo a ɔgyefoɔ nni hɔ, wɔafom wɔn afa a deɛ ɔbɛka sɛ: Dane ma! nni hɔ.


Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.


Hwan na ɔrensuro woɔ, O amanaman Hene? Wo na ɛfata woɔ; amanaman anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Wo nso ahohiahia bɛboro wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ dwanekɔbea ɔtamfoɔ anim.


Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!


Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ: Monhwe yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Monkata yɛn so!


Wɔn na wɔbɛnya akatua a ɛyɛ daa ɔsɛeɛ, ne yi a wɔyi wɔn firi Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan