Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 19:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim, na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim, na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako, onua bɛko atia onua, ɔyɔnko atia ɔyɔnko, kuropɔn atia kuropɔn, ahenni atia ahenni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako, onua bɛko atia onua, ɔyɔnko atia ɔyɔnko, kuropɔn atia kuropɔn, ahennie atia ahennie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim, na wɔne wɔn ho wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 19:2
20 Iomraidhean Croise  

Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa mmienu. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyiri sɛ wɔbɛsi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi.


Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman ne kuro ne kuro, na Onyankopɔn maa wɔn ani tanee ahohiahia nyinaa mu.


Na nkurɔfoɔ no bɛha wɔn ho, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewaa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwaa nso, onimuonyamfoɔ so.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Amanaman ate wo ahohora, na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ, na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.


Nso mommma mo akoma nntu, na monnsuro akwansosɛm a wɔbɛte no asase soɔ no ho, na akwansosɛm bɛba afe bi so, na ɛno akyi afe no, akwansosɛm foforɔ bɛba: Sɛ nhyɛsoɔ wɔ asase no so, na deɛ ɔdi tumi sɔre tia deɛ ɔdi tumi.


Na mɛfrɛ nkrantɛ atia no, me mmepɔ nyinaa so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ, obi de bɛka ne nua;


Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie.


Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofoɔ, na wɔama wɔakum wɔn.


na onipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfo.


Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ: Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina.


Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.


Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.


Na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrantɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsraban no nyinaa so. Na ɛdɔm no nyinaa dwane kɔsii Bet-sita wɔ Serera kɔsii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.


Ɛnna Onyankopɔn somaa honhommɔne bi baa Abimelek ne Sekemfoɔ ntam, na Sekemfoɔ twitwaa Abimelek nkontompo,


Na Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea-benyamin no hwɛe, na hwɛ, na nnipakuo no rehwete fa ha sene ha.


Na Saulo ne ɛdɔm a wɔka ne ho no nyinaa hyia boaa ano kɔɔ nsraban no mu, na hwɛ, na wɔn nyinaa de nkrantɛ reko tia wɔn ho, na ɛyɛ kitikiti kɛseɛ pa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan