Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 19:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 19:1
36 Iomraidhean Croise  

ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam.


Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ, na me nso m’ani bɛgye AWURADE ho.


Na ɔkuntunuu ɔsoro mu, na ɔsii fam, na esum kabii wɔ ne nan ase.


Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din, montoto kwan yie mma deɛ ɔte adeɛ so nam ɛserɛ so reba, ne din de AWURADE, na monni n’anim ahurisie.


Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:


Enti nsa nyinaa mu bɛgo, na ɔdasani biara akoma bɛnane;


Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmaa, na wɔbɛsuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosoɔ a ɔbɛwoso wɔ wɔn soɔ no nti.


na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi. Na ɔgyee so sɛ: Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.


Misraimhene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa,


Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia; n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!


sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me boɔ, na moahye aduhwam ama anyame foforɔ, Misraim asase a moaba soɔ abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo ase bɛhyeɛ, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu?


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ, na mayi deɛ wɔamene no afiri n’anomu, na amanaman rensene nkɔ ne nkyɛn bio; Babel afasuo nso ahwe ase.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛsɛe ahoni huhuo no na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis, na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.


Misraim bɛdane amamfo, na Edom adane nkyɛkyerɛ afo, ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti, ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.


Elkosini Nahum adehunu nwoma a ɛfa Ninewe atemmuo ho.


AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so, na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.


Na ɔbɛfa ahohiahia po no mu, na wabobɔ ɛpo mu asorɔkyeɛ, na Asuo Nil mu mmonhwa nyinaa awewe. Na Asiria ahantan no bɛbrɛ ase, na Misraim poma bɛfiri akɔ.


Na sɛ Misraim abusua amforo amma a, ɛrentɔ wɔn so nso; ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no na ɛbɛba wɔn soɔ.


na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.


Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.


Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan