Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 18:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu de nam nsuo ani no fa po soɔ. Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ, monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu de nam nsuo ani no fa po soɔ. Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ, monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so wɔde paparɔso akorow fa nsu ani. Monkɔ, asomafo ahoɔharefo, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani. Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Wɔsoma abɔfo fa asubɔnten Nil ani a wɔtete sakran akorow mu de nam nsu ani no fa po so se: Abɔfo a mo ho yɛ hare, monkɔ ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu fi ha de rekɔ no, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa wɔn asase mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 18:2
14 Iomraidhean Croise  

Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa.


Na Etiopiafoɔ ne Libiafoɔ no nyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodoɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mu? Na ɛnam sɛ wotweree AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.


Ɛsene kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn, sɛ ɔkɔdeɛ a ɔsi aduane soɔ.


Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra no too mu, na ɔde kɔsii wira mu wɔ asuo no ano.


Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.


Mate AWURADE anomu nsɛm, na wɔasoma ɔbɔfoɔ ma wakɔ amanaman mu sɛ: Mommoaboa mo ano mmra ne so, na monsɔre mmɛko.


Ɛda no, abɔfoɔ bɛfiri m’anim afiri adi, ahyɛne mu, akɔma Etiopiafoɔ wɔn a wɔwɔ hɔ anibiannasoɔ mu no abɔ binim, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.


Obadia anisoadehunu nie. Sei na AWURADE Nyankopɔn ka fa Edom ho: Yɛate AWURADE anomu asɛm sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ: Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko.


Wɔn ho yɛ ahomete ne hu, wɔyɛ ahantanfoɔ a wɔyɛ deɛ wɔn ara wɔpɛ.


Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan