Yesaia 17:8 - New Revised Asante Twi Bible8 na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron8 na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON8 na ɔrenhwɛ afɔremuka a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsatea ayɛ no, ɔremmu bio. Faic an caibideil |
Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase.