Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 17:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa wɔ Refaim bonhwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa wɔ Refaim bonhwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so na ɔde ne nsa penpan, sɛ bere a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bon mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so na ɔde ne nsa pempan sɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bɔnhwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na ɛbɛyɛ sɛ otwafo buma awi a esisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ nea odi awi mmɛtem mu mpɛpɛwa Refaim bon no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 17:5
13 Iomraidhean Croise  

Na Filistifoɔ no ba bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.


Na Filistifoɔ no sane foro baa bio bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.


Ɛserɛ kɔ, na wira mono yi adi, na wɔboaboa mmepɔ so nhahamma ano.


woma no fifiri da a woduaeɛ no, na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne, nanso ɛso aba bɛtu akɔ, amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Babel babaa te sɛ ayuporebea, berɛ a wɔtiatia soɔ no. Aka kakraa bi na twaberɛ aduru ama no.


Ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nnipa afunu bɛgugu hɔ sɛ mfuo so nwira dodoɔ, sɛ ayutwafoɔ akyiri afiafi, na obiara remmoa ano.


Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo, berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.


Momfa kantankrankyi nhyɛ mu, na deɛ wɔtwa ahoa. Mommra mmɛtiatia so, na nsa-kyi-amena no ayɛ ma, ntɛɛpo no abu so, na wɔn bɔne adɔɔso.


Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so!


Na ɛhyeɛ no foro fa Hinom ba bonhwa no mu, Yebusifoɔ nkyɛn mu anafoɔ fam, (ɛne Yerusalem); na ɛhyeɛ no foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bonhwa no ntentensoɔ wɔ atɔeɛ wɔ Refaim bonhwa no atifi fam awieeɛ no atifi.


Na ɛhyeɛ no siane kɔ bepɔ a ɛda Hinom ba bonhwa anim a ɛwɔ Refaim bonhwa mu atifi fam no ano nohoa, na ɛsiane Hinom bonhwa no kɔ Yebusifoɔ anafoɔ fam nkyɛn mu, na ɛsiane kɔ En-rogel ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan