Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 17:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adehunu a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ ahenkurow bio, na ɛbɛyɛ afabo kuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 17:1
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn kɔduruu Hoba a ɛda Damasko benkum no.


Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa?


Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, berɛ a Dawid kumm Sobafoɔ no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na ɔdii hene Damasko.


Na Asiriahene tiee no, na Asiriahene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na ɔtuu wɔn kɔduaa Kir, na ɔkum Resin.


Na Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baeɛ sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ mu nnipa mpemaduonu mmienu.


na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔkaa no guiɛ no, na ɔkaa sɛ: Siria ahemfo no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔdeɛ na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa suntidua.


Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siriahene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okumkɛseɛ kaa no gui.


Kalno nte sɛ Karkemis? Na Hamat nte sɛ Arpad anaa? Na Samaria nte sɛ Damasko?


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:


Moab ho atemmusɛm. Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti, Moab abɔ no, ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir Moab abɔ no nti,


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.


Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da.


Wonteeɛ sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ, tete mmerɛ mu na mehyehyɛɛ no saa? Afei na mama no aba mu, sɛ ma afasuo mu nkuro no nnanedane akurofo akuakuo,


Na abarimaa no nnya nhunuu bɔne kyire ne papa fa no, asase a wosuro n’ahemfo baanu anim no bɛyɛ amamfo.


na Siria tiri ne Damasko, na Damasko tiri ne Resin. (Na ɛha mfirinhyia aduosia nnum no, wɔbɛsɛe Efraim na anyɛ ɔman bio.)


Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.


Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, na adane nkunkumaboɔkuo, na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ, AWURADE na ɔseɛ.


Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea.


kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem.


na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan