Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 16:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so, na obi atena so, nokorɛ mu, wɔ Dawid ntomadan no mu, deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee, na ɔyɛ adetenenee ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so, na obi atena so, nokorɛ mu, wɔ Dawid ntomadan no mu, deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee, na ɔyɛ adetenenee ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi; ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so, obi a ofi Dawid fi, nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi; ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so, obi a ɔfiri Dawid efie, deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔbɛma agua bi atim, adɔeyɛ so, na obi atena so, nokware mu, wɔ Dawid ntamadan mu a obu atɛn na ɔpɛ atɛntrenee, na ɔyɛ adetrenee ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 16:5
31 Iomraidhean Croise  

Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.


Na Dawid tenaa aban no mu, na ɔfrɛɛ no Dawid kuro. Na Dawid totoo ɛho afasuo hyiae firi Milo ne emu fam.


Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa.


Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahennwa soɔ. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekɔsi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.


Na Hesekia yɛɛ saa ara Yuda nyinaa mu. Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ, na ɛtene na ɛyɛ nokorɛ AWURADE ne Nyankopɔn anim.


Adom ne nokorɛ bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ adi mfeano.


Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.


wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu.


AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


Adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ ɔhene so, na adɔeɛ so na n’adwa tim.


Ɔhene a ɔbu nokwatɛn ma mmɔborɔfoɔ no, n’ahennwa bɛtim daa.


Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.


Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni.


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man; n’ahennie yɛ daa ahennie, na tumi nyinaa bɛsom no na atie no.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.


Na mɛma asiiɛfoɔ no ayɛ nkaeɛ, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛseɛ; na AWURADE bɛdi wɔn so hene Sion bepɔ so afiri nnɛ de akɔsi daa.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan