Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 16:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn huntabea, ɔsɛefoɔ no anim! na ɔpoobɔfoɔ agyae, ɔsɛeɛ to atwa, nhyɛsofoɔ asa asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn huntabea, ɔsɛefoɔ no anim! na ɔpoobɔfoɔ agyae, ɔsɛeɛ to atwa, nhyɛsofoɔ asa asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena; monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie na adesɛe to betwa; opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena; monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛ na adesɛeɛ to bɛtwa; opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 ma wɔn a wɔapam wɔn afi Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn hintabea, ɔsɛefo anim! Na opoobɔfo agyae, na ɔsɛe to atwa, na nhyɛsofo nsa asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 16:4
22 Iomraidhean Croise  

wode ɛbɛ yi bɛbu Babel hene aka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɔhafoɔ no agyaeɛ, na ahodwan no to atwa yi?


Na Nimrim asuo no asɛe pɔtɔɔ, na ɛserɛ adwan, na wira asa, wira mono nni hɔ bio.


Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;


Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa.


Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.


Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?


Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro, na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.


Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi, na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie, sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa?


Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.


Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie: Monni asɛntenenee anɔpa, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya ammɛhye a obi rennum, mo nneyɛɛ bɔne nti.


Saa ara nso na Yudafoɔ a wɔwɔ Moab ne Amonfoɔ mu ne Edom ne wɔn a wɔwɔ nsase no nyinaa soɔ no nyinaa tee sɛ Babel hene agya nkaeɛ bi ama Yuda ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panin no,


Siane firi w’animuonyam mu, na tena sukɔm asase so, O wo a wote Dibon! Na Moab sɛefoɔ atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.


Na ɔsɛefoɔ bɛba nkuro nyinaa so, na kuro biara remfiri mu mfi; na mmonhwa ayera, na asaseta nso asɛe, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


ɛnsɛ sɛ anka wogyina nkwanta soɔ twitwa ne mfirimufoɔ guo; ɛnsɛ sɛ anka woyi ne nnipa a wɔaka no ma, ahohiahia da no.


Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so dɔteɛ soɔ ɔko mu, na wɔbɛdi ako; ɛfiri sɛ AWURADE ne wɔn na ɛwɔ hɔ, na apɔnkɔsotefoɔ anim bɛgu ase.


Na mɛkyere me fie ho nsraban, ɛdɔm ho, deɛ ɔtwam korɔ na ɔsane ba ho, na ɔhafoɔ biara antwam amfa wɔn mu bio; na afei me ara ankasa mɛhwɛ me man so.


na mobɛtiatia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Nhyɛ ɔpaani, mmɔborɔni ne ohiani a ɔfiri wo nuanom anaa ahɔhoɔ a wɔwɔ w’asase soɔ, wo nkuro mu no so.


Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan