Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 13:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so, sɛ ɔrebɛdane asase afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so, sɛ ɔrebɛdane asase afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Hwɛ, Awurade da no reba da bɔne a abufuw ne abufuwhyew wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefo a wɔte so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Hwɛ, Awurade da no reba ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimmɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase no afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 13:9
27 Iomraidhean Croise  

Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so, na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio. Me kra, hyira AWURADE. Monyi AWURADE ayɛ.


na wɔbɛtwa abɔnefoɔ afiri asase so, na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.


Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.


Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;


Na AWURADE wɔ aweretɔ da ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.


Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu, na me gyeɛ afe no aba.


Wɔn a wɔte wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wɔdi ɔbaakofoɔ a ɔdi mfimfini akyire, na wɔdi prakonam ne akyiwadeɛ ne nkura no, wɔbɛbom awie sa, AWURADE asɛm nie.


Asafo AWURADE abufuhyeɛ nti na asase no ahye tumm, na ɔman no ayɛ sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua.


Momforo nkɔgyinaa ntokuro no mu, na monnyee Israel fie ho ban, sɛ mobɛgyina akono, AWURADE da no.


Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, mununkum da, ɛbɛyɛ amanaman berɛ.


Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.


Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion, na mommɔ ose me bepɔ kronkron no so. Ma asase sofoɔ nyinaa ho mpopo, ɛfiri sɛ AWURADE da no redu, na abɛn,


Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.


Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim, na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no? N’anibereɛ hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.


Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu.


Ɛda no yɛ anibereɛ da, ahohiahia ne ahokyere da, ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, mununkum ne kusukuukuu da,


Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE akyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm, na wɔde ogya bɛhye no, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan