Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 13:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔfiri akyirikyiri asase so ne ɔsoro ano reba, AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wɔfiri akyirikyiri asase so ne ɔsoro ano reba, AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wofifi akyirikyiri aman so, wofifi ɔsoro ahye so, Awurade ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew; bɛsɛe ɔman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔfifiri akyirikyiri aman so, wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so, Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ; bɛsɛe ɔman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wofi akyirikyiri asase so ne ɔsoro awiei reba, AWURADE ne n’abufuhyew akode no, sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 13:5
19 Iomraidhean Croise  

Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ, na akodeɛ asi asɛeɛ!


A, Asiria, m’abufuo abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!


Hwɛ, merehwanyan Mediafoɔ atia wɔn, nnipa a wɔmmu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ;


Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,


Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu, na toto w’akyiri apono mu; fa wo ho hunta kakraa bi kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.


Hwɛ, AWURADE din firi akyirikyiri reba, n’abufuo redɛre, sɛ wisie kɛseɛ a ama ne ho so, abohuro ayɛ n’anomu ma, na ne tɛkyerɛma te sɛ ogya a ɛhye adeɛ.


Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.


Mo nyinaa mommoaboa mo ano ntie: Wɔn mu hwan na ɔkaa yeinom? Deɛ AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔdeɛ wɔ Babel ho, na ne basa atia Kaldeafoɔ.


Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie, na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano, na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.


Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.


Na ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no,


AWURADE ahini n’akoradeɛ dan, na wayi n’abufuhyeɛ akodeɛ, ɛfiri sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn wɔ adwuma bi yɛ wɔ Kaldeafoɔ asase so.


Na ɔman bi firi atifi fam retu ne so sa; wɔn na wɔbɛyɛ n’asase no amamfo a obiara rentena soɔ, nnipa ne mmoa nyinaa bɛtu akɔ.


Na hwɛ, me na mɛnyane amanaman akɛseɛ asafo ama wɔafiri atifi fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wɔbɛfiri afa no; wɔn agyan te sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsane n’akyiri kwa.


Monse agyan, monsɔ akyɛm mu! AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.


Tie, me man babaa sufrɛ nne firi akyirikyiri asase so: AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdeɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne abosom no ahuru me boɔ?


Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan