Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 12:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Momma mo nne so nto dwom anigye so mo a mowɔ Sion, efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Sion babea, huro na di ahurusi, na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 12:6
40 Iomraidhean Croise  

Yei ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.


Wɔmfiri Sion nhyira AWURADE a ɔte Yerusalem no, monyi AWURADE ayɛ.


Onyankopɔn te mfimfini, ɛnwoso, Onyankopɔn boa no anɔpahema.


Adɛn na mo mmepɔ atentene mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena soɔ no? Ampa, AWURADE bɛtena so daa.


Me nso mede bɛnta bɛyi wo ayɛ, me Nyankopɔn, ne wo nokorɛ, mede sankuten bɛto wo, O Israel Hotefoɔ no, dwom.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion, monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,


AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion, na wɔama no so aman nyinaa so.


Enti AWURADE, asafo AWURADE, Israel Tumfoɔ no, asɛm nie: Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ, na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so.


Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no;


Wɔn deɛ, wɔbɛma wɔn nne so ato anigyeɛ dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛ bɛteam afiri po fam.


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so.


Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidie mu; kuro a ɛho wɔ asuo akɛseɛ ne nsuwansuwa, ntabono ahyɛmma biara renkɔ mu, na ahyɛn akɛseɛ rentwam wɔ hɔ.


Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.


Foro kɔ bepɔ a ɛkorɔn soɔ, O, Ɔsɛmpakafoɔ Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O Ɔsɛmpakafoɔ Yerusalem. Ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn nie!


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Wobɛhu wɔn so, na mframa asoa akɔ, na ahum abɔ apete. Na wo deɛ, wobɛdi AWURADE mu ahurisie de Israel Kronkronni no ahyehyɛ wo ho.


Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.


To dwom, wo bonini a woanwoɔ; to anigyeɛ dwom na fa ahosan team, wo a wonkyem mma! Na onnibie mma bɛdɔɔso asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ.


Na wobɛnum amanaman nufoɔ, na woanum ahemfo mpokua; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa ne wo Gyefoɔ, Yakob Tumfoɔ no.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, O AWURADE; wo na woyɛ kɛseɛ, na wo din nso so, mmaninyɛ mu.


Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ,


Na mɛma wɔahunu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fi bio, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini.


Merenni m’abufuhyeɛ no so, merensane memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuro so.


Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu, na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio, na me man ani renwu da biara da.


Monnue, mpoanofoɔ, Keretifoɔ man! AWURADE asɛm da mo so, Kanaan a ɛyɛ Filistifoɔ asase. Mɛma wɔasɛe wo, na anka wo mufoɔ biara.


na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.


Na hwɛ, wɔn so na mɛhwim me nsa na wɔadanedane fomfa adeɛ ama wɔn nkoa, na moahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me.


Wanhunu amumuyɛ Yakob mu, na wanhunu ɔhaw Israel mu. AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi, na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu.


Mfa akoa a wadwane afiri ne wura nkyɛn abɛdɔm woɔ nhyɛ ne wura nsa;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan