Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 12:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ; momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ; momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree. Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Monto dwom mma AWURADE, na wayɛ ade akɛse; momma wonhu eyi asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 12:5
16 Iomraidhean Croise  

Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no, monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka.


na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.


Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Wɔn deɛ, wɔbɛma wɔn nne so ato anigyeɛ dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛ bɛteam afiri po fam.


Foro kɔ bepɔ a ɛkorɔn soɔ, O, Ɔsɛmpakafoɔ Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O Ɔsɛmpakafoɔ Yerusalem. Ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn nie!


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.


Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te soɔ no; ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom, wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se.


Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.


Na afei deɛ, AWURADE animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo kata ɛpo soɔ.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan