Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 10:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Enti AWURADE, asafo AWURADE no, bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu, na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei Awurade, Asafo Awurade, de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no; ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛw te sɛ gyaframa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei Awurade, Asafo Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no; na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre ahye wɔn animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Enti Otumfo, asafo AWURADE no, bɛma ɔfomfɔn aba n’abran mu, na wasɔ n’anuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 10:16
25 Iomraidhean Croise  

Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfoɔ maa no bɛdwerɛɛ Asiriahene nsraban mu nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwuo sane kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛnee ne nyame fie, na ɛhɔ na wɔn a wɔfiri ne yafunu mu no mu bi maa no tɔɔ nkrantɛ ano.


Ɛnna ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ, nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu.


Nyankopɔn abufuo sɔre tiaa wɔn, na ɔkunkumm wɔn mu abrane no mu bi, na ɔde Israel mmeranteɛ hwehwee fam.


Na ne kwaeɛ ne ne mfuo animuonyam no, ɔbɛfiri ɔkra so akɔsi honam so asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefoɔ a yadeɛ rewie no kum.


Ɛda no, Yakob animuonyam no bɛsua, na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam;


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.


Na ne botan de ehu bɛsene akɔ, na n’asafohene de ahopopoɔ afiri frankaa no ho. AWURADE a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ɔseɛ.


Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ ato w’anomu, na masane wo afa kwan a wonam so baeɛ no so akɔ.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


Ɛnna nnwammaa bɛdidi wɔn adidibea, na ananafoɔ adidi taamudifoɔ amamfo so.


hwɛ, AWURADE de asubɔnten no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiriahene ne n’animuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri akata ne nsunoa nyinaa;


Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.


Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no, wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.


Na mɛba mabɛtua mo ka sɛ mo nneyɛɛ aba no teɛ, AWURADE asɛm nie, na mɛsɔ ogya wɔ ne kwaeɛ mu, na ahye ne nnoɔma nyinaa ahyia.


Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofoɔ akokoɔdurufoɔ?


Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mo ho yɛ den na wɔdɔɔso saa mpo a, wɔbɛtwitwa mo agu na moatwam akɔ. Ao Yuda, sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei deɛ meremmrɛ wo ase bio;


Na ɔbɛtene ne nsa akyerɛ atifi fam, na wasɛe Asiria, na wadane Ninewe amamfo, na awo pɛsɛɛ sɛ anwea pradada so,


Ɛnna asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfoɔ bɛbɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan