Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔagya Sion babaa hɔ sɛ bobeturom sese, te sɛ ɛferɛ turom homebea, sɛ kuro a wɔatua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔagya Sion babaa hɔ sɛ bobeturom sese, te sɛ ɛferɛ turom homebea, sɛ kuro a wɔatua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔagyaw Ɔbabea Sion te sɛ bobeturo mu sese te sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu, te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔagya Ɔbabaa Sion te sɛ bobe turo mu sese te sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu, te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Sion babea aka sɛ bobeturo mu sese, sɛ fere turom homebea, sɛ kurow a asraafo atwa ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:8
21 Iomraidhean Croise  

Ɔsi ne dan sɛ abubummabaa, na ɛte sɛ sese a ɔwɛmfoɔ yɛ.


na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ, Sion babaa aponkɛseɛ mu, na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.


Mo man mu ada mpan; mo nkuro, wɔde ogya ahye; mo anim pɛɛ na ananafoɔ redi mo mfuo; na asɛe sɛdeɛ ananafoɔ abutu no.


Sɛ asafo AWURADE annya yɛn nkaeɛ kakraa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.


Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob, ɔbɛwoso ne nsa agu Sion babaa bepɔ, Yerusalem kokoɔ no, so.


Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia, na mede nsrafoɔ atwa wo ho kanko, na mahɔre wo ho pie atia wo.


Nnipa apem prɛko bɛdwane ɔbaakofoɔ huyie ano; nnipa baanum huyie ano na mobɛdwane akɔsi sɛ wɔbɛgya mo sɛ frankaadua a ɛsi bepɔ atifi, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛsi kokoɔ soɔ.


yei ne asɛm a AWURADE aka ne ho: Ɔbaabunu Sion babaa no bu w’animtia si wo atwetweɛ; w’akyiri na Yerusalem babaa rewoso ne tire.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiriahene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.


da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.


Na wobɛka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini, wɔtuu me kɔe, na wɔsunsum me; na yeinom deɛ, hwan na ɔyɛnee wɔn? Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko, ɛno mu no na yeinom wɔ he?


Hwɛ, AWURADE ama wɔate akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ: Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba; hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel.


Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia sɛ mfuo awɛmfoɔ, ɛfiri sɛ wate me so atua, AWURADE asɛm nie.


Ɔhoɔfɛni a ɔdɔ ne ho no, Sion babaa no, mɛtwa no atwene.


Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no.


Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a wasɛe ne dwabirem; AWURADE ama werɛ afiri Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.


To ahurisie dwom ma w’ani nnye, Sion babaa, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, AWURADE asɛm nie.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Nsuro, Sion babaa; hwɛ, wo hene reba, ɔte afunumu ba so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan