Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Efi mo nan ase kosi mo ti so, ahomeka biara nni mu, apirakuru ne ahonhon nko ara akuru a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri so ahomeka biara nni mu, apirakuro ne nsoasoaeɛ nko ara akuro a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛ anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 efi nan ase kosi atifi, mudi biara nni ho, apirakuru ne nsoasoae ne akuru momono a etu mogya; wɔntotoe na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoo no ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:6
20 Iomraidhean Croise  

Nso Israel nyinaa mu na obiara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ; ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam ɛdɛm biara nni ne ho.


Na ɔno na ɔpira, na ɔkyekyere soɔ, ɔpɛkyɛ, na ne nsa nso sa.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam atene anadwo nyinaa, na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ.


Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no.


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wo kuro aporɔ, wo pira nni asayɛ.


Adɛn na woteam wo kuro ho sɛ wo yea nni asayɛ? W’amumuyɛ dodoɔ, wo bɔne a emu yɛ den nti na mayɛ wo seyie yi.


Hwɛ, me ara mede adeɛ ne nnuro bɛkyekyere ne kuro so, na masa wɔn yadeɛ, na matue asomdwoeɛ ne nokorɛ a ɛboro soɔ ama wɔn.


Na wɔasa me man kuro adwenhare so aka sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ.


Sɛdeɛ asubura mu nsuo pu ba no, sɛ ne bɔne nso pu ba ne no; wɔte atirimuɔden ne nhyɛsoɔ nka wɔ mu, yadeɛ ne akuro wɔ m’anim daa.


Wo kuro nni asayɛ, wo pira no mu yɛ den; obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam gu wo so, ɛfiri sɛ hwan koraa so na womfaa wo daa daa haw no nkɔeɛ?


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Na ɔteeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no.


Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuro no, de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa ɔno ara n’aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan