Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nantwi nim ne wura, afurum nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfo nte ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nantwie nim ne wura, afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfoɔ nte aseɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:3
24 Iomraidhean Croise  

Ɔman mu agyimifoɔ, monte aseɛ, na mo, nkwasea, da bɛn na mobɛhunu de?


Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.


Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Wahunu nnoɔma pii, nso ɔnhwɛ, wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm.


Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;


Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.


Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti; na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ, na sukɔm ade wɔn dɔm;


Na akraman no yɛ adufudepɛfoɔ sɛ, wɔnnim ɔmeeɛ. Nnwanhwɛfoɔ no nso nni nhunumu, wɔn nyinaa adanedane wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfasoɔ, obiara biara.


Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ; ahoni nkyerɛkyerɛ! Ɛyɛ dua!


Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi deɛ, wɔntie me.


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.


Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo nim ne berɛ, anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma wɛn wɔn ba berɛ, nanso me man deɛ wɔnnim AWURADE ahyɛdeɛ.


Sɛdeɛ w’akoma asi ahodwo afa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ wɔyɛɛ yeinom a ɛyɛ ɔbaa dwamamfoɔ a ɔso ne tire no nneyɛɛ no nyinaa!


Na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Na wɔhyɛ da ara ma wɔn werɛ firi sɛ, ɛfiri teteete na ɔsoro wɔ hɔ, ne asase a ɛfiri nsuo mu, na ɛfiri nsuo mfimfini na ɛbɛtimm hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan