Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Wo sodifo yɛ atuatewfo, akorɔmfo yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmude, na wɔpere akyɛde ho. Wonni mma ayisaa; na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ, akorɔmfoɔ yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ, na wɔpere akyɛdeɛ ho. Wɔnni mma nwisiaa; na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:23
47 Iomraidhean Croise  

Nso asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyiwadeɛ nyinaa, na wɔguu AWURADE fie a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi.


Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm.


Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam, sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani.


Deɛ ɔne owifoɔ kyɛ adeɛ no tane ne kra, ɔte duabɔ no nso ɔnka.


Monsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntenenee, montenetene omimfoɔ, monni mma awisiaa, na mompere nnye okunafoɔ.


Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.


Wo dwetɛ adane fi, wo nsa pa, wɔde nsuo afra mu.


Enti montie AWURADE asɛm, mo afɛdifoɔ a modi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi soɔ.


AWURADE reba abɛbu ne man mpanimfoɔ ne n’asafohene atɛn, ɛfiri sɛ mo na moadi bobeturo no, mmɔborɔni asadeɛ wɔ mo afie mu;


Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ, sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene, deɛ ɔkyiri apempensika, deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu, deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,


Wɔn a wɔbu ɔbɔnefoɔ bem gye adanmudeɛ, na wɔmfa deɛ ɔdi bem no bem mma no.


Mebaee me nsam daa nyinaa mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ, wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so di wɔn adwene akyiri no;


Nanso w’ani ne w’akoma nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne, ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam, ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ.


Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɔne a wɔyɛɛ no, sɛ wɔde rehuru me boɔ no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahemfo, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ ne Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ.


Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia sɛ mfuo awɛmfoɔ, ɛfiri sɛ wate me so atua, AWURADE asɛm nie.


Mɛkɔ nnipa akɛseɛ nkyɛn makɔkasa akyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu.


Saa nti kwaeɛ mu gyata bɛkum wɔn, anwea pradada so pataku bɛsɛe wɔn, ɔsebɔ rewɛn wɔn nkuro ho. Obiara a ɔbɛfiri adie no, wɔbɛtete no asinasini. Na wɔn mmarato dɔɔso, na wɔn akyirisan no so.


Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;


Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie.


Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ, pɛ na emu atitire pɛ ahohora.


Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ wɔn a wɔtwe ɛhyeɛ kɔ akyire, wɔn so na mɛhwie m’anibereɛ magu sɛ nsuo.


Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mefiri metanee wɔn; wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛpamo wɔn afiri me fie, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatefoɔ nko.


Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den. Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata, na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,


Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama na emufoɔ ka atorosɛm na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


Na monnhyɛ okunafoɔ ne awisiaa, ɔhɔhoɔ ne ɔmanehunufoɔ so, na obiara nnnwene ne nua ho bɔne n’akomam.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim.


Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔfie, na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.


Na ɔkyerɛkyerɛe, see wɔn sɛ: Wɔntwerɛɛ sɛ: Wɔbɛfrɛ me fie asɔrefie ama amanaman nyinaa? Na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.


see wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Me fie yɛ mpaebɔ fie; na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.


Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan