Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Sɛ mopɛ na motie a, mobɛdi asase no so nnepa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Sɛ mopɛ na motie a, mobɛdi asase no so nnepa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ mopene so na moyɛ osetie a, mubedi asase no so nnepa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a, mobɛdi asase no so nnepa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Sɛ mopɛ na mutie a, mubedi asase so nnepa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:19
22 Iomraidhean Croise  

Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.


Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie, na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.


ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, mobɛdi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo deɛ, sukɔm bɛde mo; hwɛ, me nkoa ani bɛgye, na mo deɛ, mo ani bɛwu;


Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan meregu mo anim,


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie, na mama moatena ha yi.


Na sɛ momma mo akwan ne mo nneyɛɛ yɛ yie ampa, sɛ mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,


ɛno na mɛma moatena ha, asase a mede memaa mo agyanom firi tete sɛ ɛnkɔsi daa no soɔ.


Na moadidi amee, na moakamfo AWURADE mo Nyankopɔn din, sɛ ɔne mo adi anwanwasɛm; na me man ani renwu da biara da.


Na asase no bɛba n’aduane na moadi amee, na moatena so dwoodwoo.


Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a,


na aduane poreɛ bɛkɔ so akɔduru bobe aba teteɛ mu, na bobe aba teteɛ no akɔ so akɔduru duaberɛ, na mobɛdi mo aduane amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim.


Na sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so;


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan