Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 “Afei mommra na yennwen mmɔ mu,” sɛnea Awurade se ni. “Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 “Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:18
23 Iomraidhean Croise  

Nso ntamgyinafoɔ bi nni yɛn ntam a ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu soɔ.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


Yi w’ani firi me bɔne ho hunta, na pepa m’amumuyɛ nyinaa.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


AWURADE asɔre redi asɛm, na wabɛgyina hɔ rebu aman atɛn;


Mpoano aman, mommua mo ano ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ. Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ.


Momfa mo asɛm mmra, AWURADE na ɔseɛ, mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ɔseɛ.


Mapepa wo mmarato sɛ mununkum, ne wo bɔne sɛ suwisie. Sane bra me nkyɛn, na magye wo.


Deɛ ɔbu me bem no abɛn, hwan na ɔne me bɛdi asie? Ɔmma yɛnnyina nhyiam. Hwan na ɔne me anya? Ma no mpinkyɛ me.


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?


Nso sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm a wadie no ho bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɔno deɛ, wagye ne kra nkwa.


ne bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, nkwa ara na ɔbɛnya.


Mmepɔ ne mo a mowɔ hɔ daa, asase nnyinasoɔ no, montie AWURADE nkurobɔ, na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel bɛyi atɛn.


Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.


Na ɔreka tenenee ne anidahɔ ne atemmuo a ɛreba no ho asɛm no, Felike suroe, na ɔkaa sɛ: Seesei deɛ, kɔ, na menya adagyeɛ a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.


Na mmara no deɛ, ɛbaa sɛ mfomsoɔ no nnɔɔso, na deɛ bɔne adɔɔso no, adom aboro so akyɛne no.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan