Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Munnwira mo ho na mo ho ntew. Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so! Munnyae bɔneyɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Monnwira mo ho na mo ho nte. Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so! Monnyae bɔne yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:16
31 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Mɛhohoro me nsa, bemdie mu, na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,


Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoeɛ, na ti no.


Firi bɔne ho na yɛ papa, na woatena hɔ daa;


Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu.


Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.


Mmane nifa anaa benkum, twe wo nan firi bɔne mu.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ, monnka adeɛ a ɛho nteɛ; momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no.


Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene mo ho bɔne, na mapam mo ho apam. Mo nyinaa monsane mo akyi mfiri mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie ɛ!


Wɔse: Monsane mfiri mo akwammɔne so ne mo nneyɛɛ bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afiri daapem akɔsi daapem.


ebia wɔbɛtie, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.


Na masoma me nkoa, adiyifoɔ no, nyinaa aba mo nkyɛn, metua nhema mesoma wɔn sɛ: Monsane ɛ, mo nyinaa mfiri mo akwammɔne so, na monyɛ mo nneyɛɛ yie, na monnni anyame foforɔ akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Montane bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kuro apono mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.


Na nnipa ne afieboa mfirafira ayitoma, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na wɔnsane mfiri wɔn kwammɔne so ne amim adeɛ a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.


Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.


Ɛnyɛ nsɛm yi na AWURADE nam akane adiyifoɔ so maa wɔpaeeɛ, berɛ a Yerusalem da so wɔ hɔ a na wɔte mu na emu dwoɔ, na ne nkuro atwa ho ahyia, na wɔtete Negeb ne mpaperɛ soɔ no anaa?


Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ adwensakyera.


Na afei, adɛn na worekyinkyim wo ho? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!


Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu,


Ma no nkyiri bɔne na ɔnyɛ papa, ma no nhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan