Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Monnkɔ so mfa ayɛyɛdeɛ hunu mmma; aduhwam yɛ me akyiwadeɛ. Ɔsrane foforɔ ne homeda ne edwa a mobɔ no, mentumi nhwɛ amumuyɛ ne nhyiam kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Monnkɔ so mfa ayɛyɛdeɛ hunu mmma; aduhwam yɛ me akyiwadeɛ. Ɔsrane foforɔ ne homeda ne edwa a mobɔ no, mentumi nhwɛ amumuyɛ ne nhyiam kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no! Mo aduhuam yɛ me tan. Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow, mo nhyiamu hunu no afono me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no! Mo aduhwam yɛ me tan. Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ ne mo nhyiamu fi no afono me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Monnkɔ so mmmfa ayɛyɛde hunu mmma; aduhuam yɛ me akyide, Ɔsram foforo ne homeda, ne gua a mobɔ no, mintumi nhwɛ amumɔyɛ ne nhyiam kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 1:13
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsrane foforɔ, na ɛnyɛ homeda. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɛnyɛ hwee.


na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nyinaa mma AWURADE, homeda ne bosome foforɔ ne afahyɛ mu, ne dodoɔ mu sɛdeɛ n’atorɔmuadeɛ teɛ daa, AWURADE anim,


Mprɛ ahe ara na wɔante n’anim atua ɛserɛ soɔ, na wɔanho ne werɛ anwea pradada soɔ!


Na da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye deɛ obiara bɛdie nko ho adwuma na monyɛ.


Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, na nkantom sɛ ɔde bɛfa adwemmɔne mu aba.


Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboadeɛ;


Na ɛbɛba sɛ ɔsrane foforɔ biara ne homeda biara honam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ɔseɛ.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a wasɛe ne dwabirem; AWURADE ama werɛ afiri Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.


Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.


Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.


Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.


Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion, monyɛ abuadadie kronkron, momfrɛ nhyiamu kronkron.


Na mɛgu mo nkuro mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhwam no hwa.


Anka ɛyɛ sɛ mo mu bi kɔtoto apono mu nso, na moansɔ m’afɔrebukyia so gya kwa! m’ani nsɔ mo hwee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mo nsam ayɛyɛdeɛ nyɛ me fɛ.


Yɛ dwetɛ ntotorobɛnto mmienu fa, dwetɛ a wɔaborɔ na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ.


Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Yei a merehyɛ mo yi, menyi mo ayɛ, ɛfiri sɛ monhyia mu nyɛ adepa, na mmom adebɔne.


Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.


Ɛwom sɛ, ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm deɛ, nanso afoforɔ wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan