Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yakobo 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuo mu no, montuaa wɔn ka enti wɔresi apinie. Na wɔn apinisie no aduru Onyankopɔn, Awurade Otumfoɔ no aso mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yakobo 5:4
23 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.


sɛ wɔbɛma mmɔborɔni sufrɛ aduru ne nkyɛn, na wate amanehunufoɔ sufrɛ.


Sɛ akoa pere onwunu ho ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,


sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.


ɛfiri sɛ ɛno nko ara ne ne nkataho, ne honam ntoma. Ɛdeɛn na ɔmfa nna? Na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mmɔborɔhunufoɔ ne me.


Na afei, hwɛ, Israelfoɔ no sufrɛ no aduru m’anim, na mahunu ɔhaw a Misraimfoɔ de ha wɔn no nso.


Sɛ asafo AWURADE annya yɛn nkaeɛ kakraa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fie, na Yuda mmarima ne n’afuo a n’ani gye ho; na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee, nanso hwɛ, mogyahwieguo; ɔhwehwɛɛ tenenee, nanso hwɛ, osu!


Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdane fituo, adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;


Deɛ ɔfa ɔkwan a ɛntene so kyekyere ne fie, na ɔde asisie si n’abansoro, na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa, na ɔmfa n’akatua mma no no nnue!


Nni wo yɔnko amim na ntwa no dwo. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma adeɛ nnkye.


Ɔboɔ firi ɔfasuo mu bɛteam, na mpuna afiri nnua mu agye so.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua.


Na Onyankopɔn, sɛ ɔto ne bo ase kyɛre wɔn ho nso a, ɔremmu atɛn nnye wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Na sɛdeɛ Yesaia aka asie no: Sɛ asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na wɔama yɛasɛ Gomora.


Hwɛ yie na w’akomam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛtɔ so nson, gyae-mukyɛ afe no abɛn, na woannya wo nua hiani no ho adwemmɔne sɛ woremma no hwee, na wanteam amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.


Awuranom, momfa deɛ ɛtene, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo nso mowɔ owura wɔ ɔsoro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan